MARK ANIM-YIRENKYI - WO TEE NO SEN [OFFICIAL AUDIOTRACK]
MARK ANIM-YIRENKYI AND THE OPAMAGO BAND OFFICIAL MARK ANIM-YIRENKYI AND THE OPAMAGO BAND OFFICIAL
14.4K subscribers
32,121 views
463

 Published On Jun 19, 2024

LYRICS
Wotee no sɛn na wabu atɛn yi?
W’atemu a wabu yi wobuu no sɛn ni?
Wotee no sɛn na wabu atɛn yi nti w’atemu a wabu yi wobuu no sɛn ni?
Anka mpanin se suhyɛfa yemmua nso wodeɛ wabua a wammisa mu,
Onyansani ee na ɛbaa no sɛn ni,
Na wama anoɔdɛ bi adaada wo yi,
Obi a wokɔbu abɔfoɔ atɛn nti w’atemu a wabu yi wobuu no sɛn?
(Williams Kwaku Boateng Amanten dehyeɛ se mpɛ ntɛm mmu atɛn ɔdasani)
Wotee no sɛn na wabu atɛn yi?
W’atemu a wabu yi wobuu no sɛn ni?
Wotee no sɛn na wabu atɛn y inti w’atemu a wabu yi wobuu no sɛn ni?
Anka mpanin se suhyɛfa yemmua nso wodeɛ wabua a wammisa mu.
Onyansani ee na ɛbaa no sɛn ni,
Na wama anoɔdɛ bi adaada wo yi,
Obi a wokɔbu abɔfoɔ atɛn nti w’atemu a wabu yi wobuu no sɛn?
Dr Mensah Herbal Clinic,
Dr wonder ose obi asɛm?
Hmm

Wiase yi obi bɛhwɛ neho yie abɔ ne bra yie paa
Sɛ dea obetumi ahyɛ Nyankopɔn animuonyam
Nanso wobɛhwɛ na obi asɛm nti
Na wakɔfa nnome bi asɛn nekɔn mu.

Mese obi bɛhwɛ neho yie abɔ ne bra yie paa se deɛ obetumi ahyɛ Nyankopɔn animuonyam
Nanso wobɛhwɛ na obi asɛm nti
Na wakɔfa nnome bi asɛn nekɔn mu.
Tie bi mame oo tie bi ma
Me tie bi ma me oo asɛm ara nko,
Asɛm a wate a wanhwehwɛ mu yi nti ɛnyɛ adanse krum na wokɔdie ni?
Ka bi mame oo ka bi mame,
Ka bi mame oo asɛm ara nko,
Obi mmɔ nkuro mmua neho fɔ nti wote obi asɛm a ‘yaa hwehwɛ mu aa,
Tie bi mame oo tie bi mame,
Tie bi mame oo asɛm ara nko,
Asɛm a wotie yi woyɛ danseni
W’anyɛ danseni a wobɛyɛ temmuafoɔ nti,
Ka bi mame oo ka bi mame
Ka bi mame oo asɛm ara nko.

Ɔyɔnko nua Amoako Acheampong, wone Tinkong 87 fo nyinaa
Mo nnwom ni,
Afei me aa me Master Ansah Debrah Dwamena aye kye wano okosɛ wano!

Nana Ankɔbea Asa yɛ nyansani nti
Nsɛm a esisi Tinkong nyinaa n’anim aa na yɛdeba bɛgye atemmuo,
Nana nkyea n’aso nni asɛm ara da,
Anaano asɛm bi a odiyɛ deɛ nkorɛ ni anka asɛm no ‘fanase
ɛho adanseɛ no ka akoma nti anka wanto ne bo anhwehwɛ asɛm no mu a
Anka ɔhwɛɛ animu, hwɛɛ esu bu ntɛnkyea gyee animguaseɛ.

Akosua Tiwaa hoɔfɛ papa
Nano ne kasa paa ɛnyɛ agorɔ o,
ɔto nebo su a wonisuo hyɛ mpo a wobehu ne mmɔbɔ asu bi ama no,
Maabena Adwubi mpɛ neho asɛm,
Obi awisia ɔdwene neho nanso Awurade akyɛ no akyɛdeɛ bi nti
Ama w’anya adɔfoɔ bebree,
Wofa anafo a Adwubi
(Adwubi)
Wokɔ atifi a Adwubi,
(Adwubi)
Apueyɛ ne atɔyɛ nyinaa Adwubi,
Baabiara Adwubi, Adwubi, Adwubi o,
(Adwubi)
Sɛna asɛm no yɛ Akosua ya
Nti ɔno nso afa neho adwene sɛ
Kwan biaa ɔbɛfa so ama yatan Maabena no
ɔbɛtwe awia aba fam po a ɔbɛyɛ.

Enti anaano bi nsuomu kwanso
Sɛ na Akosua rekɔ nsuo no Yaanom ei
Wafa sekan moaa bi,
Enti abre a wofi nsu a wɔreba no
ɔde sekan no maa Maabena sɛ
Abena Adwubi ee sɔ sekan yi mu mame
Na menyɛ m’adesoa no yie,
Abere a ɔsɔɔ sekan no mu aa
Akosua gyae nasuhena no hwee fam,
ɔde mogya bi a okura yɛɛ neho nyinaa
Hyɛɛ aseɛ teɛteɛmu sɛ
Obi mmɛgye me oo
Obi mmɛgye me o
Maabena Adwubi kume o,
Mmranteɛ mmienu bi yɛɛ ntɛm kɔɔ hɔ
Mommɛhwɛ anwanwasɛm ɛ,
Akosua Tiwaa na mogya repram no yi
Maabena Adwubi na sekan kura no yi,

Enti y’anto yɛnbo anhwehwɛ no mu koraa,
Yɛsoaa Akosua akɔnkɔn twee Maabena fam yayaaya
De koduu ahenfie,
Nana Ankɔbea Asa ei nsɛe mmerɛ o
Wei deɛ feeli gadookyi
Y’ani tua mu oo yahu bi
Enti Nana ntwentwɛn wo nan ase o,
Bua asɛm yi amono amono yi aa
Na yentwa no asu mfiri kuro yi mu,

Nana Ankɔbea Asa hwɛɛ asɛm no dinn,
ɔse monpɛ nsuo nhohoro Akosua ho,
Monpɛ Aduro bi ntare ne kuro no so,
Me manfo ee obiaa nkɔ fie
ɔkyena anɔpa yɛbedi asɛm no,

Yahohoro Akosua ho mogya nyinaa
Yɛpɛ kuro de aduro atare so a
Ekuro nni hɔ oo
Asɛm nni hɔ o
ɔtan hunu n’ɛde asɛm yi aba
Enti m’atiefoɔ nyinaa asɛm sɛbɛ
Nana Ankɔbea Asa anhwehwɛ asɛm no mu a
Nka ɔhwɛɛ animuu
Hwɛɛ esu
Buu ntɛnkyea gyee animguaseɛ,

Ebi ahwere wɔn nkwa a wonni fɔ o
Ebi da afiase wonni fɔ
Enti si abotrɛ, si abotrɛ,
Si abotrɛ wɔ obi asɛm ho.
Dr Time daso medimafo herbal se wote obi asɛm a yaa hwehwɛ mu aa.

Wotee no sɛn na wabu atɛn yi?
W’atemu a wabu yi wobuu no sɛn ni?
Wotee no sɛn na wabu atɛn yi nti w’atemu a wabu yi wobuu no sɛn ni?
Anka mpanin se suhyɛfa yemmua nso wodeɛ wabua a wammisa mu,
Onyansani ee na ɛbaa no sɛn ni,
Na wama anoɔdɛ bi adaada wo yi,
Obi a wokɔbu abɔfoɔ atɛn nti w’atemu a wabu yi wobuu no sɛn?

Wohu wudini na wotu mirika wonan mmromu kɔpɛ hintabea de a
Wohunu anoɔdɛ a pɛ ataban tu konfanko ee n’ɛyɛ nsɛm nkoaa oo,
Obi a wokobu abɔfoɔ atɛn nti watemu a wabu yi wobuu no sɛn? (Hwɛ w’ano yie menua ei )
Ɛmma nkeka nkɔka wo mma Boaz Osei Owusu se mempɛ asɛm
Meyere Matilda ne me yɔnko,
Aa nsɛnkeka bebrebe nnyɛ o,
Instant justice ne mob killing Nyinaa efiri weinom aa na ɛma ɛba oo.
Obi a wokɔbu abɔfoɔ atɛn nti w’atemmu a wabu yi wobuuno sɛn?
Obi a wokɔbu abɔfoɔ atɛn nti w’atemmu a wabu yi wobuuno sɛn?

Subscribe to all my channels - https://linktr.ee/iammarkanimyirenkyi...

show more

Share/Embed