MARK ANIM-YIRENKYI - YAH SHAMMAH [OFFICIAL AUDIOTRACK]
MARK ANIM-YIRENKYI AND THE OPAMAGO BAND OFFICIAL MARK ANIM-YIRENKYI AND THE OPAMAGO BAND OFFICIAL
14.4K subscribers
23,716 views
327

 Published On Oct 18, 2023

YAH SHAMMAH LYRICS;

Mpaebɔ ntiefoɔ ne wo
Daa daa Nyankopɔn a wode tumi, ahoɔden nyinaa yɛ wo dea
nanso wode ɔdɔ ɛne Womma diE
Na y'aba w'anim saa brɛ'i

Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH

Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH

Me kra rekyin hwehwɛ wo sɛdea afrɔteɛ rekyin hwehwɛ nsuo anom ɔpɛ berɛ yi mu.
sɛ mannya woa merennya nkwa oo
Me kra rekyin hwehwɛ wo sɛdea afrɔte rekyin hwehwɛ nsuo anom wɔpɛberɛ yi mu,
mannya woa merennya nkwa oo
Wone ɔkwan nokorɛ ne nkwa,
sɛ obi kwati wo a ɔrennya nkwa
Wone ɔkwan nokorɛ ne nkwa
sɛ obi kwati wo a ɔrennya nkwa oo

Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH
Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH

Isaac dii atutena atamfoɔ asaase so,
ɔhyehyɛ na y'adwiri,
ɔsi na y'agye,
ɔtu na y'agye.
Yɛdii n'ani nanso w’ampa aba wɔ agya Nyankopɔn anim.
Na Agya Abraham Nyankopɔn dii n'anim kɔsii sɛ, ɔde no kɔduruu Rehoboth.
Na ɔboaa no ma no kyekyeree ɔman hyɛ YAH animuonyam.

Sɛ Isaac Nyankopɔn na wosom no deɛ a,
ɛnnɛ yɛ ɔhaw, abrɛbrɛsɛ ne osu
nanso Awurade de wo bɛkɔ Rehoboth.
Awurade bɛma w'akyekyere ɔman ahyɛ ne din animuonyam.

Sɛ Abraham Nyankopɔn na wosom no deɛ a,
ɛnnɛ ɛbia na wonni ba,
nanso ɛnka hɔ daa. Awurade bɛma wo bi na wode ahyɛ no animuonyam.
Sɛ Jacob Nyankopɔn na wosom no deɛ a,
ɔhaw bɛba osu bɛba deɛ,
nanso Awurade de deɛ wahwere no bɛsan abrɛwo.
Sɛdeɛ Jacob dii Awerɛhoɔ sui, ɛberɛ a ɔhwere ne ba Joseph
na ɔnim sɛ aboa bi akyere no nanso Awurade de sane brɛ no, na ɔhyɛɛ n'animuonyam. Wahwere bi nnɛ deɛ, nanso Awurade bɛdane asan ahyɛ wonsa, w’ahyɛ w’atamfo animuonyam.
Sɛ wogyidi deɛ a,
mma wakoma ntu
mone me nka mmom saa brɛ yi nsu frɛ YAH, Israel Nyankopɔn.

Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH
Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo, Abraham Nyankopɔn,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH
Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo e Isaac Nyankopɔn
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo
YAH SHAMMAH
Ma me nte wonka, berɛ merefrɛ wo, Israel Nyankopɔn,
Ma me nhu w'anim berɛ mehwehwɛ wo.
YAH SHAMMAH

Afei nkunimdie aba.
Ɛfiri gyidie mu na aba.
Sɔ mu na fa aseda ma Awurade.
Ayeyi nka wo Awurade a wotie mpaebɔ owura,
YAH SHAMMAH
Ayeyi nkaw’, aseda nkaw’
wo na wo yɛ mpaebɔ tiefoɔ.
YAH SHAMMAH
Ayeyi nkaw’, aseda nka wo daa daa daa
YAH SHAMMAH

Subscribe to all my channels - https://linktr.ee/iammarkanimyirenkyi...

Follow Mark Anim-Yirenkyi on...
Instagram: https://instagram.com/iammarkanimyire...
TikTok:   / iammarkanimyirenkyi  
Facebook: https://www.facebook.com/markanimyire...
Twitter: https://x.com/iammarkanim?s=11

show more

Share/Embed